La Melodia Chorale LMC - Di M'anim

Wone me kanea a ɛhyerɛn
You're my lamp that shines

Wone me Poma daa nyinaa
You're my scepter always

Kwankyerɛfo Jesus di manim
Director Jesus, Lead me

Fa me twa nsuo a ayiri yi
Take me through this flooded stream

Ɔbra akwantuo yi mu ayɛ den
This journey of life's been hard

Asetena yi mu nsɛm adɔɔso
This living is full of challenges

Menni boafo bia gye wo nko
I have no helper, but you

Fa me twa nsuo a ayiri yi
Take me through this flooded stream

Jesus wo nkotoo na m'anida woso
Jesus you alone, that I rest all my hopes

Jesus wo nkotoo na mewerɛ hyɛ wo mu
Jesus you alone that I build all my trust

Ɔbra akwantuo yi mu ayɛ den
This Journey of life's been hard

Asetena yi mu nsɛm adɔɔso
This living is full of challenges

Menni boafo bia gye wo nko
I have no helper, but you

Fa me twa nsuo a ayiri yi
Take me through this flooded river

Mfeɛ apem yɛ wo dakro
A thousand years seems like a day to You

Dakro nso yɛ wo mfeɛ`apem
And a day seems like a thousand years to You

Fa mmerɛ bia' wopɛ yɛ w'adwuma
Work in Your own appointed time

Ma me nhun' sɛ wo ne Jesus
Make me know that You are Jesus

Mabusuafoɔ nyinaa 'po me`a
Even if my loved ones forsake me

M'ayɔnkofoɔ se onnin me`a
And my friends abandon me

Menni boafo bia gye wo nko
I have no helper, but you

Ma me nhun' sɛ wo ne Jesus
Make me know that You are Jesus

Written by:
Macmillan Fosu

Publisher:
Lyrics © O/B/O DistroKid

Lyrics powered by Lyric Find

La Melodia Chorale LMC

View Profile
His Promise (Sabbath Worship Vol 3) His Promise (Sabbath Worship Vol 3)