Kwame Bona - Rise

Ei eeehei
Ayoo eeehei
Kwame Bona Yoorr
Ei eeehei ayoo
Rise
Onipanua ma womu so
Rise
Onipanua kentene woho
Rise
Onipanua bɔ woho so
Onipa ba sɔre waka
Nea Adikanfoɔ no kaaeɛ a
Ntie nea obi ka
Nso kakraa bi pɛ na faeɛ
Pii no angye andie de wɔn werɛ hyɛɛ anyame mu
Nea wɔn nsa kaaeɛ a
Nyɛ wonko na wo nni awuo
Wote ntwolomu de wonsa asum wano
Manna mmerɛ no ɛnyɛ nnɛ ooo
Nhyira no asa
Aka kanzo
Nanso sɛ wobɛ kentene woho a nka wobɛfa asaase no adi so
Rise
Onipanua ma womu so
Rise
Onipanua kentene woho
Rise
Onipanua bɔ woho so
Asɛm wei Bona
M'akyerɛ akyerɛ akyerɛ a
Nso mente aseɛ
Makaa kaa kaa
Yɛse me mmu adeɛ
Yɛse sɛ nka obi nnim nso a
Bona Obi kyerɛ
Afei mongye akonnwa na me mmɔ mamaneɛ
Adɛn nti na yɛn nyinaa yɛ dea
Na bɛnkatakyie pɛ sɛ ɔfadie
Adɛn nti na abranteɛ me nyɛ adwuma
Na menkɔbɔ me nana bayie
Afei monte aseɛ
Mmabunu no nyinaa monhyɛ
Montwetwe atuo na yɛnhyɛ aseɛ
Ɔman yi daakye nyinaa yɛ sum I swear
Corruption adɛn
Makaa kaa kaa
Nanso yɛnte aseɛ
Ɔdɔ paa yɛfrɛ no ɔdɔ
Ɛbi nni abibifoɔ
Nokorɛ asɛm a mekae
Ɛno nti yafefa meho tan
Nti nea mayɛ ama nnipa nti dabi yɛbɛka
Nkwa wɔ me mu yi deɛ Bona me mɛ-try
Mebɔ meho mmɔden na mabubu menkɔnua
Ma sɔfo nnadaa wo
Sɛ Nyame na ɛbɛ hyira
Rise
Onipanua ma womu so
Rise
Onipanua kentene woho
Rise
Onipanua bɔ woho so
Rise

Written by:
Owusu Prince

Publisher:
Lyrics © O/B/O DistroKid

Lyrics powered by Lyric Find

Kwame Bona

View Profile