T-Danso - Mmrane

Wuaguan, fellow Ghanaians I dey greet
Lend me your ears I dey speak
Me wie na weni gye ho aa put on repeat
And it's 9 on the beat
Mo ma me mbɔ me Nyame mmrane na nea ɔyɛ ni yɛ pii
Ɛboro magwen ne me nteaseɛ so ntino mede ɛmrɛ yi beyi nayɛ, ma waso ndi mekyi
Nyame ne eguanmba aa woyɛ kremo kese
Owia ne osram na ɛyɛ wo batakari
Okokuroko obi ndi wenim obi ndi wekyi
Mo mma yɛ nyi nayɛ, na nkunim nidi wedi
Wo tene wo nsa, na sɛ wo kasa gu wim
Ɛpo asɔkye te wo ne aa ɔyɛ din
Ehunabobrim, Mintimminim
Oprammire adan nebo egu wenim
Adubasapon, wo amantam owu ama yɛho atɔ yɛn
Wo anyɛ ne sa anka nkwa abɔ yɛn
Asuoden mba nsono daa wo dɔ yɛn
Wo atɔ wo nhyira nsu egu yɛnso afɔ yɛn
Nea asɛe woyɛ ne mono
Wona wo tumi wrɔ wo kawa ɔfa wo mmati so
Woa mene osono miensa ewie di ekura adane pɔnkɔ, ena wote niso
Wan kra mpo na ɛti sɛ wo
Ahen mu hen obia ntumi ntu wo kyɛo
Wɔ woo wo no nyansa fo ba bɛ hwehwɛ wo
Wo twi woti aa ahonhom fii re tetɛ wo
Wo na wo tumi di daade bɔ kaahyire
Di kɛntɛn ko nsu ba sare so bɛhwie
Dane no kwaɛ, obi ntumi wo Okatakyie
Wo dɔ efu anɔpa gwia eburo bu no enyumre
Obiambɔ wo Nyame, baasako Nyame
Obi ndi wo kane, wo kasa aa mmepɔ nane
Wo na wotumi mane, wo asem kɔsa yare
Adi aa wo esi ne pɔo obibia ntumi nsane
Yudah mu gyata, wogye ntɔkwa aa wompata
Wo bom pɛ obi ntumi nkasa
Obaatanpa, daa wo hoa hoa wo mba
Wo ntonko na wonda
Fri mre santene kɔ mre santene mu
Yɛ nnidaso ne wo, yɛ wrɛ hyɛ wo mu
Owuo hu wo pɛ na waka nkyene egu
Na woa wasan enyani no nefri owu mu
Yesu, wamene owu ne yaredom
Obrempong, owia rehyren di wenim na anɔpa nsroma rebɔ we kyidom
Abofo mpem mpem ɛrito kronkron
Nyame, sika kɔkɔɔ so na wo nam
Esubonten aa yenkyrɛ wo po mu kwan
Dasebrɛ, bediako titi botan
Egya, woa na woyɛ adekyehan
Me ndru bebia yɛ na mo tiemu no oo
Mede besi ha metoa so aa speakers go blow
Who am I ebia you don't know
T to the D to the A N S O
Let them know

Written by:
Frederick Danso

Publisher:
Lyrics © O/B/O DistroKid, Songtrust Ave

Lyrics powered by Lyric Find

T-Danso

View Profile